Psalms 75

Ɔtemmufo Nyankopɔn

1Yɛda wo ase,
O Onyankopɔn, yɛda wo ase!
Yɛda wo kɛseyɛ adi ka anwonwade a woayɛ.
2Onyankopɔn ka se, “Mahyɛ bere a mede bebu atɛn na mebu atɛntrenee.
3Ɛwom, abɔde biara ho popo na asase ankasa wosow nanso mɛma ne fapem ayɛ den.
4‘Meka kyerɛ amumɔyɛfo se, wɔnnyɛ ahantan.
5Meka kyerɛ wɔn se wonnyae wɔn ahohoahoa no.’ ”
6Atemmu no remfi apuei anaa atɔe anaa atifi anaaa anafo.
7Onyankopɔn ne ɔtemmufo no.
Obebu ebinom fɔ na wagyaa ebinom nso.
8 Awurade kita kuruwa a nʼabufuw nsa a ano yɛ den wɔ mu wɔ ne nsam.
Ohwie gu ma amumɔyɛfo nyinaa nom.
Wonom ne nyinaa a sɔpɛ koraa nka.
9Nanso merennyae Yakob Nyankopɔn ho asɛnka da, na merennyae ayeyi dwom a meto ma no no nso da.
10Obebubu amumɔyɛfo tumi mu, nanso ɔtreneeni tumi mu bɛhyɛ den.
Copyright information for TwiNAK